Psalms 27

Ayeyi mpaebɔ

1 Awurade ne me hann ne me nkwagye; merensuro obiara.
Awurade bɔ me ho ban fi amane mu ɛno nti, merensuro da.
2Sɛ nnebɔneyɛfo toa me pɛ sɛ wokum me a, wohintiw, hwe ase.
3Sɛ asraafodɔm mpo twa me ho hyia a, merensuro da; sɛ atamfo ba me so a, mede me ho bɛto Onyankopɔn so ara.
4Ade baako na mabisa Awurade; ade baako na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fi me nkwa nna nyinaa, na mahu nʼanwonwade nyinaa, na mabisa nʼakwankyerɛ.
5Ɔhaw mu, ɔbɛma me guankɔbea; ɔbɛhwɛ me so wɔ ne fi na wabɔ me ho ban ɔbotan a ɛkorɔn so.
6Enti medi mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia so nkonim.
Mede anigye bɛbɔ no afɔre wɔ ne fi.
Mɛto dwom; mɛkamfo Awurade.
7 Awurade, sɛ mefrɛ wo a, tie me!
Hu me mmɔbɔ na gye me so!
8Wokae se, “Bra na bɛsom me.” Mibuae se, “Mɛba,
Awurade.”
9Mfa wo ho nhintaw me.
Mma wo bo mmfuw me; mpam wo somfo.
Woayɛ me boafo; nnyaw me hɔ; nkɔ nnya me,
O Onyankopɔn, mʼagyenkwa.
10Mʼagya ne me na begyaw me hɔ, nanso Awurade bɛhwɛ me.
11Kyerɛ me,
Awurade, nea wopɛ sɛ meyɛ, na di mʼanim kyerɛ me kwan pa efisɛ, mʼatamfo dɔɔso.
12Nnyaw me mma mʼatamfo, wɔn a wɔde atoro ne ahunahuna ba me so no.
13Minim sɛ mɛtena ase ahu Awurade papayɛ wɔ asetena yi mu.
14Fa wo ho to Awurade so.
Nya gyidi.
Mpa abaw.
Fa wo ho to Awurade so.
Copyright information for TwiNAK